Nnwom 134

Kamfo Onyankopɔn

1Awurade asomfo nyinaa, mommra mmɛkamfo no, mo a mosom wɔ ne fi anadwo no nyinaa. Momma mo nsa so wɔ fie hɔ na monkamfo Awurade!

Awurade a ɔbɔɔ soro ne asase no nhyira wo mfi Sion!