Nnwom 131

Ahotoso mu mpaebɔ

1Awurade, magyae m’ahantan ne m’ahomaso no. Memma nsɛm akɛse, anaa nea ɛyɛ den ma me, nyɛ m’asɛm. Na mmom m’ani sɔ, na mewɔ asomdwoe. Sɛnea akokoaa da ne na basa so dinn no, saa ara na me koma da dinn wɔ me mu.

Israel, fa wo ho to Awurade so, ɛnnɛ ne daa nyinaa.