Ɔman yiyedi mpaebɔ
1Awurade, woahu wo asase mmɔbɔ; woama Israel adi yiye bio. 2Wode wo nkurɔfo bɔne nyinaa akyɛ wɔn. 3Wugyaee w’abufuw a wode kɔɔ wɔn so no.
4Fa yɛn san bra, O Onyankopɔn, yɛn agyenkwa na gyae sɔ a w’ani nsɔ yɛn no! 5Wo bo befuw yɛn akosi daa nyinaa? W’abufuw to rentwa da? 6Hyɛ yɛn den bio, na yɛn, wo nkurɔfo, bɛkamfo wo. 7Dɔ yɛn daa, O Awurade, na gye yɛn nkwa, boa yɛn.
8Meretie nea Awurade Nyankopɔn reka. Ɔhyɛɛ yɛn a yɛyɛ ɔno ara ne nkurɔfo no bɔ se, sɛ yɛannan amfa akwammɔne so a, 9akyinnye biara nni ho sɛ wasiesie ne ho sɛ wɔn a wodi no ni no, obegye wɔn nkwa, na ne nkwagye no bɛtena yɛn asase no so.
10Ɔdɔ ne nokware behyia, na trenee ne asomdwoee ayɛ atuu. 11Onipa nokware befi asase so akɔ soro, na Onyankopɔn trenee fi soro aba asase so. 12Awurade bɛma yɛanya nkɔso, na yɛn asase anya nnɔbae bebree. 13Atreneefo bedi Awurade anim asiesie ne kwan ama no.