Banbɔ mpaebɔ
1Tie me sufrɛ, O Onyankopɔn; tie me mpaebɔ! 2Abasamtu ne akyirikyiri a mifi na mede aba wo nkyɛn yi! Fa me, na fa me sie yiye 3efisɛ, wone me gyefo, ogyefo dennen a ogyina tia m’atamfo. 4Ma mentena wo Kronkron mu Kronkron hɔ me nkwa nna nyinaa. Ma me guankɔbea wɔ wo ntaban ase hɔ. 5Woate me bɔhyɛ, O Onyankopɔn, na woama me nea ɛfata sɛ wode ma wɔn a wɔhyɛ wo anuonyam.
6To ɔhene nna mu bebree; ma ɔntena ase daa daa. 7Ma onni hene daa daa wɔ w’anim. O Onyankopɔn, fa daa dɔ a wowɔ no ne wo gyidi bɔ ne ho ban. 8Enti daa mɛto ayeyi nnwom ama wo bere a daa mema wo nea mahyɛ wo ho bɔ no.