Nnwom 29

Awurade nne wɔ ahum mu

1Mo ɔsorosorofo, monkamfo Awurade; monkamfo n’anuonyam ne ne tumi. 2Monkamfo ne din a anuonyam ahyɛ no ma no. Sɛ Kronkronni no pue a, monkotow no. 3Wɔte Awurade nne wɔ ɛpo so. Anuonyam Nyankopɔn bɔ aprannaa ma ne nne tra ɛpo so. 4Wɔte Awurade nne wɔ tumi ne ahoɔden mu. 5Awurade nne bubu sida, Lebanon sida mpo. 6Ɔma Lebanon ne Sirion mmepɔw nyinaa huruhuruw te sɛ nantwi ba. 7Awurade nne ma aprannaa pae. 8Ne nne ma sare so wosow. Ɔwosow Kadeɛ sare. 9Awurade nne wosow adum ma ɛso nhaban porow gu bere a obiara a ɔwɔ ne Fi no teɛm se, “Anuonyam nka Onyankopɔn!” no.

10Awurade di nsu a emu dɔ nyinaa so; odi hene daa daa. 11Awurade ma ne nkurɔfo ahoɔden, hyira wɔn, ma wɔn asomdwoe nso.