Nnwom 82

Onyankopɔn, Ɔhene Kɛse

1Onyankopɔn yɛ ɔsoro agyinatufo panyin. Anyame betwa hyia a, ɔno na obu atɛn se, 2“Munnyae atɛnkyewbu; mummmu amumɔyɛfo atɛnkyew. 3Mommɔ ahiafo ne akunafo yiyedi ho ban. Mummmu mo ani nngu ahiafo ne wɔn a wonni aboafo so. 4Munnye wɔn mfi nnipa amumɔyɛfo tumi ase. 5Nim a munnim ne nkwasea a moyɛ! Moadan nnebɔneyɛfo ama atɛntrenee ayera wɔ wiase! 6Mekae se, “Moyɛ anyame; mo nyinaa yɛ Ɔsorosoroni no mma. 7Nanso mubewuwu sɛ nnipa; mo nkwa nna to betwa sɛ ɔhene ba biara.” 8Bra, O Onyankopɔn, na bedi wiase so; aman nyinaa yɛ wo dea.