Nehemiah 1
NIV — New International Version Bible (NIV)
NA-TWI — Nkwa Asem (NA-TWI)
Verse 1
The words of Nehemiah son of Hakaliah:
In the month of Kislev in the twentieth year, while I was in the citadel of Susa,
Saa nhoma yi fi Yesu Kristo somafo Paulo a ɔnam Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so nkyɛn,
Verse 2
Hanani, one of my brothers, came from Judah with some other men, and I questioned them about the Jewish remnant that had survived the exile, and also about Jerusalem.
kɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi no mu nkyɛn. Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo.
Mompo atoro akyerɛkyerɛfo
Verse 3
They said to me, “Those who survived the exile and are back in the province are in great trouble and disgrace. The wall of Jerusalem is broken down, and its gates have been burned with fire.”
Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔrekyerɛkyerɛ nkyerɛkyerɛ bɔne a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn na wogyae.
Verse 4
When I heard these things, I sat down and wept. For some days I mourned and fasted and prayed before the God of heaven.
Monka nkyerɛ wɔn na wonnyae atorosɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ, saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wohu no.
Verse 5
Then I said:
“Lord, the God of heaven, the great and awesome God, who keeps his covenant of love with those who love him and keep his commandments,
Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ, ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwenem fann ne gyidi pa mu.
Verse 6
let your ear be attentive and your eyes open to hear the prayer your servant is praying before you day and night for your servants, the people of Israel. I confess the sins we Israelites, including myself and my father’s family, have committed against you.
Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu.
Verse 7
We have acted very wickedly toward you. We have not obeyed the commands, decrees and laws you gave your servant Moses.
Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu.
Verse 8
“Remember the instruction you gave your servant Moses, saying, ‘If you are unfaithful, I will scatter you among the nations,
Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye.
Verse 9
but if you return to me and obey my commands, then even if your exiled people are at the farthest horizon, I will gather them from there and bring them to the place I have chosen as a dwelling for my Name.’
Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ, wɔnyɛ mmara mma atreneefo na mmom wɔyɛ ma mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo,
Verse 10
“They are your servants and your people, whom you redeemed by your great strength and your mighty hand.
afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no.
Verse 11
Lord, let your ear be attentive to the prayer of this your servant and to the prayer of your servants who delight in revering your name. Give your servant success today by granting him favor in the presence of this man.”
I was cupbearer to the king.
Saa nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn.
Verse 12
— not in NIV
Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwen me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no.
Verse 13
— not in NIV
Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, kaa nsɛm a ɛmfata faa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ.
Verse 14
— not in NIV
Yɛn Awurade hwiee n’adom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane sɛ yɛne Kristo Yesu aka abom no nti, abɛyɛ yɛn dea no.
Verse 15
— not in NIV
Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye tom na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Meyɛ ɔdebɔneyɛfo a odi kan koraa.
Verse 16
— not in NIV
Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛfo a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei.
Verse 17
— not in NIV
Anuonyam ne nnidi nka Onyankopɔn daadaa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nkutoo ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen.
Verse 18
— not in NIV
Afei, me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no no, ma saa nsɛm no nyɛ w’akode,
Verse 19
— not in NIV
na so wo gyidi mu dennen na ma w’adwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn atiboa nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi.
Verse 20
— not in NIV
Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan na wakyerɛ wɔn sɛnea wɔnnka abususɛm nntia Onyankopɔn.