Hosea 3

Hosea 3

NIV — New International Version Bible (NIV)
NA-TWI — Nkwa Asem (NA-TWI)
Verse 1
The Lord said to me, “Go, show your love to your wife again, though she is loved by another man and is an adulteress. Love her as the Lord loves the Israelites, though they turn to other gods and love the sacred raisin cakes.”

“Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Sardi no se: “Eyi ne asɛm a efi obi a ɔwɔ Onyankopɔn ahohom ason ne nsoromma ason no nkyɛn. Minim nea woreyɛ. “Minim sɛ woagye din sɛ wote ase nanso woawu.
Verse 2
So I bought her for fifteen shekels[a] of silver and about a homer and a lethek[b] of barley.
Enti nyan na kanyan nea aka wo nkyɛn no na anwu koraa. Efisɛ, mahu sɛ nea woayɛ no nya nnii mu wɔ Onyankopɔn anim.
Verse 3
Then I told her, “You are to live with me many days; you must not be a prostitute or be intimate with any man, and I will behave the same way toward you.”

Kae nea wɔkyerɛɛ wo no ne sɛnea wotee no. Di so na twe wo ho fi wo bɔne ho. Sɛ woankanyan wo ho a, mɛba wo so sɛ ɔkorɔmfo, na worenhu bere ko a mɛba.

Verse 4
For the Israelites will live many days without king or prince, without sacrifice or sacred stones, without ephod or household gods.
“Nanso mo mu kakraa bi a wɔwɔ Sardi no mfaa wiase nkekae nkekaa wɔn ntade mu. Wɔne me bɛnantew a wɔhyɛ ntade fitaa efisɛ, ɛsɛ wɔn sɛ wɔyɛ saa.
Verse 5
Afterward the Israelites will return and seek the Lord their God and David their king. They will come trembling to the Lord and to his blessings in the last days.

Wɔn a wobedi nkonim no, wɔbɛhyɛ wɔn ntade fitaa, na merentwa wɔn din mfi ateasefo din mu wɔ nhoma no mu. M’Agya no ne abɔfo no anim na mɛda no adi sɛ wɔyɛ me de.

Verse 6
— not in NIV
“Sɛ wowɔ aso a, tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”

Filadelfia asafo no nhoma

Verse 7
— not in NIV
“Kyerɛw krataa kɔma asafo a ɛwɔ Filadelfia no se: “Eyi ne asɛm a efi obi a ɔyɛ kronkron, yɛ nokware a okita safe a na ɛyɛ Dawid de a sɛ obue a, obi ntumi nto mu na ɔto mu nso a, obi ntumi mmue no nkyɛn.

Verse 8
— not in NIV
“Minim nea woyɛ. Minim sɛ wowɔ tumi kakra. Woadi me nkyerɛkyerɛ no so nam so adi me nokware. Mabue ɔpon bi wɔ w’anim a obi ntumi nto mu.

Verse 9
— not in NIV
“Tie! Kuw a ɔbonsam afa wɔn no, saa atorofo a wɔka se wɔyɛ Yudafo nanso wɔnyɛ bi no, mɛma wɔaba w’anim abebu wo nkotodwe. Wɔn nyinaa behu sɛ medɔ wo.

Verse 10
— not in NIV
“Esiane sɛ woadi me mmara so anya boasetɔ nti, sɛ ɔhaw a ɛreba wiase nyinaa de asɔ asase so nnipa nyinaa ahwɛ no ba a, megye wo afi mu.
Verse 11
— not in NIV
Mereba nnansa yi ara. Kora wo agyapade, na obi anwia wo nkonim abotiri no.

Verse 12
— not in NIV
“Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi soro me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.

Verse 13
— not in NIV
“Sɛ wowɔ aso a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.’“

Laodikea asafo no nhoma

Verse 14
— not in NIV
“Kyerɛw krataa kɔma ɔbɔfo a ɔwɔ Laodikea asafo mu no se: “Eyi ne asɛm a efi Amen a ɔyɛ ɔdanseni nokwafo a ɔyɛ biribiara a Onyankopɔn bɔe no abɔse nkyɛn.

Verse 15
— not in NIV
“Minim nea woayɛ. Minim sɛ wonyɛ nwunu nso wonyɛ hyew. Me pɛ ne sɛ, anka wobɛyɛ mu baako.
Verse 16
— not in NIV
Nanso esiane sɛ woyɛ potrobodwo na wonyɛ hyew na wonyɛ nwunu nti, merebɛtew wo sɛ ntasu afi m’anom.

Verse 17
— not in NIV
“Woka se, Meyɛ ɔdefo na manya me ho na mewɔ nea ehia me nyinaa. Nanso wunnim hia a ahia wo ne mmɔbɔ a woyɛ. Woyɛ ohiani. Woda adagyaw, na w’ani afura.

Verse 18
— not in NIV
“Enti mitu wo fo se tɔ sikakɔkɔɔ, sikakɔkɔɔ amapa, fi me nkyɛn sɛnea ɛbɛma woayɛ ɔdefo. Afei tɔ ntade fitaa hyɛ fa kata wo animguase adagyaw no so. Afei tɔ aduru gu w’ani so sɛnea wubehu ade.
Verse 19
— not in NIV
Mekɔ so twe wɔn a medɔ wɔn no nyinaa aso. Enti bɔ mmɔden na twe wo ho fi bɔne ho.

Verse 20
— not in NIV
“Tie! Migyina ɔpon no akyi rebɔ mu; sɛ obi te me nne na obue pon no a, mɛba ne fi na me ne no adidi na ɔno nso ne me adidi.
Verse 21
— not in NIV
Mɛma nkonimdifo no atena m’ahengua no ho sɛnea madi nkonim nti mete m’Agya ahengua ho mprempren no.

Verse 22
— not in NIV
“Sɛ wowɔ aso a, ɛnne tie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no.”