Yohane AdiyisɛM 3:12
Nkwa Asem (NA-TWI)“Nea obedi nkonim no, mɛyɛ no odum me Nyankopɔn asɔredan mu, na ɔremfi mu bio da. Mɛkyerɛw me Nyankopɔn din ne me Nyankopɔn kurow din a ɛyɛ Yerusalem foforo a ebefi soro me Nyankopɔn nkyɛn aba no agu ne ho. Bio, mɛkyerɛw me din foforo agu ne ho.