Yohane AdiyisɛM 20:4
Nkwa Asem (NA-TWI)Afei mihuu nhengua ne wɔn a wɔtete so. Wɔmaa wɔn tumi sɛ wommu atɛn. Afei mihuu wɔn a esiane sɛ wɔada nokware ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kae no adi nti, wɔakunkum wɔn no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔmfaa aboa no agyiraehyɛde nhyɛɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyirae. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bedii ahene mfe apem. Awufo a wɔaka no annyan kosii mfe apem no akyi.