Yohane AdiyisɛM 21:20
Nkwa Asem (NA-TWI)Fapem a ɛto so anan yɛ ahabammonobo. Fapem a ɛto so anum yɛ ɛtɔnbo. Fapem a ɛto so asia yɛ bogyanambo. Fapem a ɛto so ason yɛ sikaberebo. Fapem a ɛto so awotwe yɛ apopɔbibiribo. Fapem a ɛto so akron yɛ akraatebo. Fapem a ɛto so du yɛ dɛnkyɛmmo. Fapem a ɛto so dubaako yɛ owusiwbo. Fapem a ɛto so dumien yɛ beredumbo.