Yohane AdiyisɛM 19:20

Nkwa Asem (NA-TWI)
Wɔkyeree aboa no ne ne atorodiyifo a ɔyɛɛ anwonwade wɔ n’anim no de wɔn too afiase. Saa anwonwade no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyirae ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtow aboa no ne atorodiyifo no anikann guu ogya ɔtare a sɔfere na na ɛredɛw wɔ mu no mu.