Romafo 5:15

Nkwa Asem (NA-TWI)
Nanso wɔn baanu no nyinaa nyɛ pɛ, efisɛ, Onyankopɔn akyɛde a ɔde kyɛ kwa no nte sɛ Adam bɔne no. Ɛyɛ nokware sɛ esiane saa onipa baakofo no bɔne nti nnipa pii wuwui. Nanso Onyankopɔn adom no dɔɔso; ɛno nti na ɔnam onipa baako a ɔne Yesu Kristo adom so dom nnipa bebree kwa no.