Mateo 5:22

Nkwa Asem (NA-TWI)
Na me de, nea mereka ne sɛ, obiara a ne bo befuw ne nua no, wobebu no atɛn. Bio, obiara a ɔbɛyaw ne nua no, wɔbɛfrɛ no mpanyin anim. Afei obiara a ɔbɛka akyerɛ ne nua se ‘Ogyimifo’ no, ɔbɛkɔ amanehunu gya mu.