Mateo 21:15
Nkwa Asem (NA-TWI)Nanso, bere a asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin bi huu anwonwade yi, na wɔtee nso sɛ, mmofra nkumaa a wɔwɔ asɔrefi hɔ reteɛteɛm se, “Nhyira nka Dawid Ba no” no, anyɛ wɔn dɛ. Enti, wobisaa Yesu se, “Wote nsɛm a mmofra no reka no anaa?”