Mateo 1:17
Nkwa Asem (NA-TWI)Awo ntoatoaso a efi Abraham so de besi ɔhene Dawid so yɛ dunan. Efi ɔhene Dawid so de besi bere a wɔfaa ɔman no nnomum kɔɔ Babilon no nso awo ntoatoaso yɛ dunan saa ara. Saa ara nso na efi bere a wotu fii Babilon san baa wɔn man mu bio no de besi Kristo awo so nso yɛ awo ntoatoaso dunan.