Korintofo I 9:20
Nkwa Asem (NA-TWI)Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. M’ankasa nso na menhyɛ Mose Mmara ase nanso metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn.