Galatifo 2:4
Nkwa Asem (NA-TWI)na mmom, nnipa bi a wɔboapa yɛɛ wɔn ho sɛ anuanom no bi a wɔde wɔn ho abɔ kuw no pɛe sɛ wotwa no twetia. Saa nnipa yi baa yɛn mu sɛ akwansrafo bɛhwɛɛ ahofadi a yɛnam yɛn a yɛne Kristo ayɛ baako so anya no, na wɔnam so adan yɛn nkoa no.