Galatifo 2:16

Nkwa Asem (NA-TWI)
Yenim sɛ ansa na obi bɛfata Onyankopɔn anim no, na gye sɛ wagye Yesu Kristo adi a ɛnyɛ sɛ ɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ no. Yɛn nso, yɛagye Kristo Yesu adi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ogye a yegye Kristo di no so na ɛnyɛ Mmara no apɛde a yɛyɛ so na yɛnam bɛfata Onyankopɔn anim. Onipa biara nni hɔ a ɔbɛyɛ nea Mmara no hwehwɛ sɛ ɔnyɛ na ɔbɛfata Onyankopɔn anim.