Asomafo 27:12
Nkwa Asem (NA-TWI)Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nye mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔw bere mu no nti nnipa no pii pɛe sɛ, sɛ ebetumi a, anka hyɛn no betu afi hɔ akɔ Foenike. Foenike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam wɔ atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena hɔ awɔwbere mu.