Asomafo 12:20

Nkwa Asem (NA-TWI)
Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ, na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so.